Ezra 10:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na atukɔfoɔ no yɛɛ saa. Na Ɔsɔfoɔ Esra yiyii mmarima a wɔyɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie soɔ, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no mu, sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na atukɔfoɔ no yɛɛ saa. Na Ɔsɔfoɔ Esra yiyii mmarima a wɔyɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie soɔ, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no mu, sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na atukɔfo no yɛɛ sa. Na woyii ɔsɔfo Esra ne mmarima a wɔyɛ agyanom atitiriw wɔn mpanyimfi so, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.