Ezra 2:69 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ wɔbɛtumi na wɔde guu adwuma no ho akoradeɛ mu, sika nsuruboaa mpem aduosia baako ne dwetɛ mmɛnaa mpemnum ne asɔfoɔ ntadeɛ ɔha.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ wɔbɛtumi na wɔde guu adwuma no ho akoradeɛ mu, sika nsuruboaa mpem aduosia baako ne dwetɛ mmɛnaa mpemnum ne asɔfoɔ ntadeɛ ɔha.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea wobetumi na wɔde guu adwuma no ho akorade mu: Sika nsuruboaa mpem aduosia biako, ne dwetɛ mmɛnnaa mpemnum, ne asɔfo ntade ɔha.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.