Ezra 3:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde afɔrebukyia no sii ne nnyinasoɔ so, ɛfiri sɛ nsase so aman ho hu kaa wɔn; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE: Anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ deɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde afɔrebukyia no sii ne nnyinasoɔ so, ɛfiri sɛ nsase so aman ho hu kaa wɔn; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE: Anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ deɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde afɔremuka no sii ne nnyinaso so, efisɛ nsaase so aman ho hu kaa wɔn. Na wɔbɔɔ so ɔhyew afɔre maa AWURADE: Anɔpa hyew afɔre ne anwummere de.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu sɛ na nkurɔfo no suro amannifo a wɔtete hɔ no de, nanso wɔsan sii afɔremuka no wɔ ne dedaw mu hɔ. Ɛhɔ ara na wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummere biara.