Ezra 4:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛpae mu ka sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi na wɔwie nʼafasuo no a, wobɛhwere asuo Eufrate atɔeɛ fam asase no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yɛn deɛ, yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔtoto ho afasuo no a, ɛnneɛ asuogya ha fam agyapadeɛ biara renka wo nsam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yɛn deɛ, yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔtoto ho afasuo no a, ɛnneɛ asuogya ha fam agyapadeɛ biara renka wo nsam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yɛn de, yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔkyekye kurow yi na wɔtoto ho afasu no a, ɛnne asuogya ha fam kyɛfa biara renka wo nsam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛpae mu ka se, sɛ wosiesie kurow yi na wowie nʼafasu no a, wobɛhwere asu Eufrate agya asase no.