Ezra 4:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofoɔ bi buaa sɛ, “Monni kyɛfa wɔ saa dwuma yi die mu, ɛfiri sɛ, yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yɛbɛsi Awurade, Israel Onyankopɔn asɔredan no sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Serubabel, Yesua ne Israel agyanom atitire nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo nni hwee yɛ, sɛ yɛbɛsi ɛdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara yɛbɛsi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Serubabel, Yesua ne Israel agyanom atitire nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo nni hwee yɛ, sɛ yɛbɛsi ɛdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara yɛbɛsi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom atitiriw nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo ne yɛn de, sɛ yebesi ɔdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara besi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores hyɛɛ yɛn no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofo bi buae se, “Munni kyɛfa wɔ saa dwuma yi di mu, efisɛ yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yebesi Awurade, Israel Nyankopɔn, asɔredan no sɛnea Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”