Ezra 5:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn fi sika ne dwetɛ nnwinne a Nebukadnesar fae fii asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu de kɔɔ Babel asɔredan no mu nso, ɔhene Kores fa de fii hɔ, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem de koguu Babilonia asɔredan mu no san bae. Wɔtasee saa nneɛma no fii saa asɔredan no mu de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so.