Ezra 5:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fie a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ Ɔhene Kores na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka deɛ ɔhene pɛ wɔ yei ho nkyerɛ yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fie a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ Ɔhene Kores na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka deɛ ɔhene pɛ wɔ yei ho nkyerɛ yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fi a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ ɔhene Kores na ɔhyɛe sɛ wonsi Onyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka ɔhene adwene eyi ho nkyerɛ yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti mprempren, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔsampam Babilonia ahemfi nneɛma dedaw akorae hɔ nhwɛ sɛ ɔhene Kores anhyɛ mmara sɛ wonsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ana. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.