Ezra 5:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ankyɛre na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ kɔɔ Yerusalem kɔbisaa sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Bere no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo baa wɔn so bebisaa wɔn se: “Hena na ɔhyɛɛ mo sɛ munsi ɔdan yi na monto ɔfasu yi?”
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no mu na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asu Eufrate agya no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfo kɔɔ Yerusalem kobisae se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?”