Ezra 6:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Biribiara a ɛho hia asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwie mma, nnwennini ne nnwammaa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atokoɔ, nkyene, nsã ne ngo a ɛho bɛhia wɔn da biara a monnto mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adeɛ a ɛhia wɔn no, nantwie mma ne adwennini ne nnwan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyeɛ afɔdeɛ, ayuo, nkyene, nsa ne ngo, sɛdeɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛgyeɛ no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adeɛ a ɛhia wɔn no, nantwie mma ne adwennini ne nnwan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyeɛ afɔdeɛ, ayuo, nkyene, nsa ne ngo, sɛdeɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛgyeɛ no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade a ehia wɔn no, anantwi mma ne adwennini ne nguan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyew afɔre, awi, nkyene, nsa ne ngo, sɛnea asɔfo a wɔwɔ Yerusalem no begye no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Biribiara a ɛho hia asɔfo a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwimma, adwennini ne nguantenmma a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atoko, nkyene, nsa ne ngo a ɛho behia wɔn da biara a monnto mu.