Ezra 7:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Me ahene mu ɔhene Artasasta, nkyea a merekyea ɔsɔfoɔ Ɛsra ne Awurade a ɔte sorosoro no mmarakyerɛni no nie:
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Artasasta, ahene mu hene no de kɔma ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara no kyerɛwfo a odi mu, ne ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne Awurade a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni: