Ezra 7:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼahemman mu a asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka ho no nyinaa mfiri wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me na mahyɛ mmara sɛ, m’ahennie mu nnipa biara a ɔfiri Israel man mu, ne n’asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu, a wɔyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me na mahyɛ mmara sɛ, m’ahennie mu nnipa biara a ɔfiri Israel man mu, ne n’asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu, a wɔyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me na mahyɛ ahyɛde sɛ m’ahenni mu nnipa biara a wofi Israel man mu ne n’asɔfo ne Lewifo mu a woyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem.