Ezra 7:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babel asase nyinaa soɔ no nyinaa, ne ayamyi adeɛ a ɔman ne asɔfoɔ no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babel asase nyinaa soɔ no nyinaa, ne ayamyi adeɛ a ɔman ne asɔfoɔ no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne dwetɛ ne sika a wubenya Babel asase nyinaa so nyinaa, ne ayamye ade a ɔman ne asɔfo no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ.