Ezra 7:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ a wɔnim mo Onyankopɔn mmara no, na wɔdi nnipa a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo tirim no teɛ no, hyehyɛ atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ, na wɔnni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa. Na wɔn a wɔnnim nso, momma wɔnhunu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo tirim no teɛ no, hyehyɛ atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ, na wɔnni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa. Na wɔn a wɔnnim nso, momma wɔnhunu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, Esra, sɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo nsam no te no, hyehyɛ atemmufo ne asɛnnifo, na wonni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na wɔn a wonnim nso, momma wonhu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.