Ezra 8:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitire Ido, wɔ Kasifia kuro mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kuro mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fie no mmrɛ yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitire Ido, wɔ Kasifia kuro mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kuro mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fie no mmrɛ yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitiriw Ido, Kasifia kurow mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kurow mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fi no mmrɛ yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn wɔ Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no wɔ Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn fi.