Ezra 8:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mekarii dwetɛ dwetikɛseɛ ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa ne dwetɛ nnwinneɛ dwetikɛseɛ ɔha, sika nso dwetikɛseɛ ɔha,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mekarii dwetɛ dwetikɛseɛ ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa ne dwetɛ nnwinneɛ dwetikɛseɛ ɔha, sika nso dwetikɛseɛ ɔha,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mekarii dwetɛ dwetikɛse ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa, ne dwetɛ nnwinne dwetikɛse ɔha, sika kɔkɔɔ nso dwetikɛse ɔha,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum,