Ezra 8:35 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na atukɔfoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de ɔhyeɛ afɔdeɛ yi brɛɛ Israel Nyankopɔn no: Anantwinini dummienu, adwennini aduɔkron nsia, nnwanten mma aduɔson nson, bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na atukɔfoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de ɔhyeɛ afɔdeɛ yi brɛɛ Israel Nyankopɔn no: Anantwinini dummienu, adwennini aduɔkron nsia, nnwanten mma aduɔson nson, bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na atukɔfo a wofi nnommum mu bae no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn no, Israel nyinaa ti: Anantwinini dumien, adwennini aduakron asia, nguanten mma aduɔsɔn asɔn, bɔne ho afɔre mpapo dumien. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae sɛ ɔhyew afɔre maa Awurade.