Ezra 9:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
a wonam wo nkoa adiyifoɔ no soɔ hyɛeɛ sɛ: Asase a morekɔ akɔdi soɔ no yɛ asase a ɛho akum, nsase so aman figuo no mu, wɔ akyiwadeɛ a wɔde ayɛ so ma, firi ano akɔpem ano, wɔn afideɛ mu no nti.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
a wonam wo nkoa adiyifoɔ no soɔ hyɛeɛ sɛ: Asase a morekɔ akɔdi soɔ no yɛ asase a ɛho akum, nsase so aman figuo no mu, wɔ akyiwadeɛ a wɔde ayɛ so ma, firi ano akɔpem ano, wɔn afideɛ mu no nti.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
a wonam wo nkoa adiyifo no so hyɛe sɛ: Asase a morekɔ akodi so no yɛ asase a ɛho akum, nsaase so aman figu no mu, wɔ akyide a wɔde ayɛ so ma fi ano akɔpem ano, wɔn afide mu no nti.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
a wonam wʼasomfo adiyifo no so bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ‘Asase a mobɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛe bɔne so agu ho fi koraa. Porɔwee ahyɛ asase no so ma, fi ti kosi ti.