Ezra 9:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi sɛ, nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
yɛnsane mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyiwadeɛ aman yi ho wɔ awadeɛ mu anaa? Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfiri mu anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
yɛnsane mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyiwadeɛ aman yi ho wɔ awadeɛ mu anaa? Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfiri mu anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
so yɛnsan mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyide aman yi ho aware mu anaa? So anka wo bo remfuw yɛn nkosi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfi mu anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso mprempren, yɛresan abu wo mmara nsɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwade no redi aware. Nokware, wʼabufuw bɛsɛe yɛn ara akosi sɛ, nkaefo kakra no ase bɛtɔre koraa.