Ezra 9:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri yɛn agyanom berɛ soɔ no, asodie kɛseɛ mu na yɛwɔ ara de abɛduru nnɛ yi, na yɛn amumuyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ nsase so ahemfo nsa wɔ afena, nnommumfa, ɔfomfa ne animguaseɛ mu, sɛdeɛ ɛte nnɛ yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri yɛn agyanom berɛ soɔ no, asodie kɛseɛ mu na yɛwɔ ara de abɛduru nnɛ yi, na yɛn amumuyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ nsase so ahemfo nsa wɔ afena, nnommumfa, ɔfomfa ne animguaseɛ mu, sɛdeɛ ɛte nnɛ yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi, na yɛn amumɔyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ nsaase so ahemfo nsa wɔ afoa, nnommumfa ne ɔfow ne animguase mu, sɛ ɛte nnɛ yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛse. Ɛno nti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfo ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔn, agu yɛn anim ase sɛnea yɛte nnɛ yi