Galatians 1:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so yɛ saa de a, na menyɛ Kristo somfo.