Galatians 1:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu.