Galatians 2:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛn a yɛhwehwɛ sɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wɔhu yɛn nso sɛ nnebɔneyɛfoɔ a, ɛnneɛ na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabi da.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛn a yɛhwehwɛ sɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wɔhu yɛn nso sɛ nnebɔneyɛfoɔ a, ɛnneɛ na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabi da.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛn a yɛrehwehwɛ sɛ wobu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wohu yɛn ankasa nso sɛ nnebɔneyɛfo a, ɛnne na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabida.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa.