Galatians 3:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ apɛgyade no fi mmara mu a, ɛnne na emfi bɔhyɛ mu bio; na Abraham de, bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maa no gyina Mmara so a, ɛno de na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn fi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapade no maa Abraham.