Galatians 3:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabi! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ anka onipa nam saa mmara no so bɛtumi atene wɔ Onyankopɔn anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnneɛ na mmara tia Nyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabi da. Sɛ wɔmaa mmara bi a ɛbɛtumi ama nkwa deɛ a, anka tenenee firi mmara mu ampa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnneɛ na mmara tia Nyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabi da. Sɛ wɔmaa mmara bi a ɛbɛtumi ama nkwa deɛ a, anka tenenee firi mmara mu ampa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnne na mmara tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabida. Sɛ wɔmaa mmara bi a ebetumi ama nkwa de a, anka trenee fi mmara mu ampa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no ana? Dabi da! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛno de anka onipa nam saa mmara no so betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim.