Galatians 3:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso kyerɛw no aka nneɛma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afi Yesu Kristo ho gyidi mu ama wɔn a wogye di.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Kyerɛwsɛm no aka se wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno nti akyɛde a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wogye di no.