Galatians 4:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na deɛ ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyiri me, na mmom mogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, aane, sɛ Kristo Yesu no ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na deɛ ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyiri me, na mmom mogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, aane, sɛ Kristo Yesu no ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na nea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyi, na mmom mugyee me sɛ Onyankopɔn bɔfo, Yiw, sɛ Kristo Yesu ankasa ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu sɛ na me yare no haw mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu.