Galatians 4:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masesa kwan a me fa so kasa, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seesei, na mesakyera me nne, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seesei, na mesakyera me nne, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seisei, na mesakra me nne, efisɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masakra ɔkwan a mefa so kasa, efisɛ me tirim ntew me wɔ mo ho.