Genesis 10:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Eber woo mma baanu. Deɛ ɔdi kan no din de Peleg, ɛfiri sɛ ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Eber woo mma baanu. Deɛ ɔdi kan no din de Peleg, ɛfiri sɛ ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Eber woo mma baanu. Nea ɔdi kan no din de Peleg, efisɛ, ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.