Genesis 12:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.