Genesis 14:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Sodom ne Gomora adwanefoɔ no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amaneɛ. Saa ɛberɛ no, na Abram abɔ ne ho atenaseɛ wɔ odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ dea no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oguanfo bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, a ne nuanom ne Eskol ne Aner ne nua, pɔw mu; nso wɔne Abram wɔ apam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no.