Genesis 14:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsane firii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho so nkonimdie reba no, Sodom hene firi kɔhyiaa no wɔ Sawe bonhwa (a ɛne Ɔhene Bonhwa no) mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsane firii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho so nkonimdie reba no, Sodom hene firi kɔhyiaa no wɔ Sawe bonhwa (a ɛne Ɔhene Bonhwa no) mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsan fii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho no so nkonimdi no reba no, Sodom hene fi kohyiaa no wɔ Sawe bon mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu.