Genesis 17:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa.