Genesis 18:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efisɛ mapaw Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”