Genesis 18:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ebia ateneneefoɔ aduonum no so te enum a; anka enum nti wobɛsɛe kuro no nyinaa anaa? Na ɔse: Sɛ mehunu aduanan nnum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ebia ateneneefoɔ aduonum no so te enum a; anka enum nti wobɛsɛe kuro no nyinaa anaa? Na ɔse: Sɛ mehunu aduanan nnum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Se ebia atreneefo aduonum no so tew anum a, so anum no nti wobɛsɛe kurow no nyinaa? Na ose: Sɛ mihu aduanan anum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?” Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.”