Genesis 18:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wɔbɛhunu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buaa sɛ: Aduanan no nti merenyɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wɔbɛhunu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buaa sɛ: Aduanan no nti merenyɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wobehu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buae se: Aduanan no nti merenyɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Abraham toaa nʼadebisa no so se, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee aduanan pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham se, “Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no.”