Genesis 18:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkae sɛ: Mma Awurade bo mmfuw, na menkasa prɛko pɛ yi: Ebia wobehu edu wɔ hɔ. Na ose: Edu no nti merensɛe hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Abraham kɔɔ so bisae se, “ Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako pɛ a etwa to. Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?” Awurade buae se, “Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no.”