Genesis 20:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abraham tutu fii hɔ kɔɔ nɛgeb, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ Gerar.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.