Genesis 20:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ woɔ, na wode bɔne kɛseɛ yi aba me ne m’ahennie soɔ? Adeɛ a wɔnyɛ na woayɛ me yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ woɔ, na wode bɔne kɛseɛ yi aba me ne m’ahennie soɔ? Adeɛ a wɔnyɛ na woayɛ me yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ wo, na wode bɔne kɛse yi aba me ne m'ahenni so? Ade a wɔnyɛ na woayɛ me yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”