Genesis 21:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abofra no ne w'afenaa asɛm no nnyɛ wo yaw, na nea Sara ka kyerɛ wo nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w'asefo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo.