Genesis 21:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abimelek kae sɛ: Minnim nea odii saa asɛm yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, sɛ nnɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Abimelek kae se, “Minnim onipa ko a ɔyɛɛ saa ade no. Woammɔ me ho amanneɛ. Nnɛ na mate saa asɛm yi.”