Genesis 22:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!” Abraham buaa sɛ, “Me nie!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nsɛm yi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ose: Mini.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!” Abraham buae se, “Me ni!”