Genesis 23:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Dabi, me wura, tie me: Mede afuw no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede mema wo yi, sie w'amu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”