Genesis 24:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde aduane bɛsii n’anim sɛ ɔnni. Nanso ɔkaa sɛ: Merennidi gye sɛ mabɔ m’amanneɛ ansa. Na ɔse: Bɔ na yɛn ntie ɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde aduane bɛsii n’anim sɛ ɔnni. Nanso ɔkaa sɛ: Merennidi gye sɛ mabɔ m’amanneɛ ansa. Na ɔse: Bɔ na yɛn ntie ɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde aduan besii n'anim sɛ onni; na ose: Merennidi gye sɛ mabɔ m'amanneɛ ansa. Na ose: Bɔ na yentie ɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”