Genesis 24:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Me wura Abraham buaa sɛ, ‘ Awurade a manante nʼanim no bɛsoma ne ɔbɔfoɔ, adi wʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wʼakwantuo no bɛsi yie, na woanya ɔyere ama me babarima afiri mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fie no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n’anim no bɛsoma ne bɔfoɔ aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yerɛ wɔ m’abusua mu ne m’agya fie abrɛ me ba;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n’anim no bɛsoma ne bɔfoɔ aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yerɛ wɔ m’abusua mu ne m’agya fie abrɛ me ba;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n'anim no bɛsoma ne bɔfo aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yere wɔ m'abusua mu ne m'agya fi abrɛ me ba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Me wura Abraham buae se, ‘ Awurade a manantew nʼanim no bɛsoma ne bɔfo, adi wʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wʼakwantu no besi yiye, na woanya ɔyere ama me babarima afi mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fi no mu.