Genesis 24:46 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsane atwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.’ Enti, menom nsuo no bi, na ɔmaa nyoma no nyinaa nso bi nomeeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no kaa sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no kaa sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no kae sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.