Genesis 26:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛkɔm baa asase no so, ɛsono ɛkɔm a ɛbaa Abraham berɛ soɔ no. Na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛkɔm baa asase no so, ɛsono ɛkɔm a ɛbaa Abraham berɛ soɔ no. Na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔm baa asase no so, ɛsono ɔkɔm a ɛbae Abraham bere so no. Na Isak kɔɔ Filistifo hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu.