Genesis 26:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Isak sane titii nsubura a n’agya Abraham berɛ so wɔtutuiɛ a Abraham wuo akyi Filistifoɔ sisii no no mu. Na ɔtotoo no din sɛdeɛ n’agya totoeɛ no ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Isak sane tetee nsubura a n’agya Abraham berɛ so wɔtutuiɛ a Abraham wuo akyi Filistifoɔ sisii no no mu. Na ɔtotoo no din sɛdeɛ n’agya totoeɛ no ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Isak san titii nsubura a n'agya Abraham bere so wotutui a Abraham wu akyi Filistifo sisiwii no mu, na ɔtotoo no din sɛnea n'agya totoe no ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.