Genesis 26:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek, ɛfiri sɛ wɔne no hamee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek, ɛfiri sɛ wɔne no hamee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Gerar mmoahwɛfo ne Isak mmoahwɛfo dii so aperepere kae sɛ: Nsu no yɛ yɛn dea! Enti ɔfrɛɛ abura no din Esek, ase ne: ɔham, efisɛ wɔne no hamee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura.