Genesis 26:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotuu asubura foforo, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna, ase ne: Apereperedi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi.