Genesis 26:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Esau dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babea Yudit ne Hetini Elon babea Basmat.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.